Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 na ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛnea wɔtow bɛmma a ɛbɛtɔ, na ose: Mma minnhu abofra yi wu! Na ɔtenaa ne ntentenso, na ɔmaa ne nne so sui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:16
16 Iomraidhean Croise  

Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase.


Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.


Na Yakob fee Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui.


Na sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn? Ɛnneɛ na merekɔhunu bɔne a ɛbɛto m’agya no.


Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.


Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo deɛ, monkyɛ mu!


na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?


Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa, na atipa aba etire nyinaa so; na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie, na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


AWURADE mma monnya atenayie mo kununom fie. Na ɔfee wɔn ano; na wɔmaa wɔn nne so sui.


Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ.


Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansu bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan