Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pam afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ebedi ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:10
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.


Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.


Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.


Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.


Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.


Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.


Pamo fɛdifoɔ na ntɔkwa bɛfiri adi, na akasakasa ne nsopa to atwa.


Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa.


Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.


Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Nyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ nso bi.


ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan