Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade dom Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na Awurade yɛɛ Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 21:1
23 Iomraidhean Croise  

Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.


Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.


Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano.


Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Na me wura yere Sara awo ba wɔ ne mmerewaberɛ mu ama me wura, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afeda no mu, berɛ a Elisa ka kyerɛɛ no no mu.


AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me,


AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ a wɔanane no ananeeɛ a asene fam a wɔayiyi mu mprɛnson.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.


Na deɛ ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, na ɔdehyeɛ ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.


Na yɛn deɛ, anuanom, sɛdeɛ Isak teɛ no, yɛyɛ bɔhyɛ mma.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.


Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no;


Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan