Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 So ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbea no nso kae sɛ: Me nua ne no. Me komam fann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ eyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 20:5
21 Iomraidhean Croise  

Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.


Na Onyankopɔn maa mefirii m’agya fie mebɛkyiniiɛ no, mesee ɔbaa no sɛ: W’adɔeɛ a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yɛbɛduro no, ka no me ho sɛ: Ɔyɛ me nua.


Na Sara deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbena apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de bɛhunu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim.


Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, ɛfiri sɛ m’ani da wo so.


Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


AWURADE bɛbu aman atɛn; AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Ampa ara, mate m’akoma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdie mu kwa,


Na ɔyɛnee wɔn akoma mudie so, na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.


Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan