Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwen no no tenae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no, tenaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:8
12 Iomraidhean Croise  

Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.


AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.


Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.


Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.


Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa?


Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.


Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafoɔ, Asur, Kilmad ne wo di dwa;


Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.


N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so.


Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan