Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade Nyankopɔn de asase no so dɔte nwen onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwenem, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:7
33 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.


Na nsuo firi asase so foroe, na ɛfɔɔ asase ani nyinaa.


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.


wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase pɛsɛɛ soɔ nyinaa wuwui.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.


Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara, anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ.


na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.


Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.


Na ɔnim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.


AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


osuane wɔ ne berɛ, na ɔpam wɔ ne berɛ; kommyɛ wɔ ne berɛ, na ɔkasa wɔ ne berɛ;


Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa?


Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa.


Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE.


AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Ma AWURADE, honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron!


nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa;


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Adam kane, ansa na Hawa redi hɔ.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan