Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:4
27 Iomraidhean Croise  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.


Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu.


Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma.


Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu.


Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.


Na yei ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awoɔ ntoatoasoɔ:


Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.


Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ:


Na yeinom ne Edomfoɔ agya Esau a ɔte Seir bepɔ soɔ no awoɔ ntoatoasoɔ:


Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so.


Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!


na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim.


Osuo wɔ agya, anaasɛ hwan na ɔwo obosuo a ɛsosɔ?


Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!


Na hwan ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko, na hwan na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.


Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene.


Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene, ɛfiri sɛ woabu atɛn saa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan