Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Saa nti na ɔbarima bɛgya ne na ne n’agya hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Ne saa nti na ɔbarima begyaw ne na ne n'agya, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:24
23 Iomraidhean Croise  

Na Lamek waree mmaa baanu, ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila.


Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfiri wo man ne w’agya fie.


Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ.


ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu, na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam;


Ɔyepa, hwan na ɔbɛnya? Nso ne boɔ sene nhwene pa koraa.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.


Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;


na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.


Na Dawid waree Ahinoam a ɔfirii Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan