Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na AWURADE Nyankopɔn de mfe pare a oyi fii onipa no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:22
7 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.


Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.


Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ.


Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE.


Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Adam kane, ansa na Hawa redi hɔ.


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan