Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri, ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri, ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Asu a ɛto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛsen kɔ asase kɛse Asiria apuei fam no. Asu a ɛto so anan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na asu a ɛto so abiɛsa ne Tigri, ɛno na ɛsen wɔ Asaria apuei. Na asu a ɛto so anan ne Eufrate.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 2:14
11 Iomraidhean Croise  

Asase no so na ɔfiri kɔɔ Asiria kɔkyekyeree Ninewe ne Rehobot-ir ne Kala,


Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.


Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na asuo a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Ɛno na ɛkonton twa Kus asase nyinaa ho hyia.


Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔ na ɔnwɛn hɔ.


Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.


Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko,


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, na mewɔ asu kɛseɛ Hidekel a ɛne Tigris ano.


monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.


Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan