Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔkaa sɛ: Twe wo ho firi hɔ! Na wɔse: Saa onipa yi ba bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛne wɔn. Na wɔhyɛɛ ɔbarima Lot so denden twe baa sɛ wɔbɛbubu ɛpono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔkaa sɛ: Twe wo ho firi hɔ! Na wɔse: Saa onipa yi ba bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛne wɔn. Na wɔhyɛɛ ɔbarima Lot so denden twe baa sɛ wɔbɛbubu ɛpono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔkae sɛ: Twe wo ho fi hɔ! Na wose: Saa onipa yi bae bɛyɛɛ ɔhɔho, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufo yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛn wɔn. Na wɔhyɛɛ Lot so dennen twiw bae sɛ wobebubu pon no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 19:9
21 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.


Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.


Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!


Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu.


Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.


Ɔboɔ yɛ duru na anwea yɛ dompee, nanso ogyimifoɔ abufuo yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.


N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam: Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho? Dabi, wɔn ani anwu koraa, na wɔn anim nso ansiam. Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu, berɛ a mɛba abɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase, AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa.


Na sɛ ɔka sɛ: Ma wɔnhye sradeɛ no nwie ansa na woafa dodoɔ biara a wopɛ a, ɔsomfoɔ no ka sɛ: Dabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so.


Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan