Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 19:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.” Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.” Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo anan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wose: Dabi, na yɛbɛda abɔnten so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 19:2
15 Iomraidhean Croise  

Ma wɔnkɔsa nsuo kakraa bi mmra, na monhohoro mo nan ase, na monhome dua yi ase.


Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:


Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Na ɔkaa sɛ: Wo a AWURADE ahyira woɔ, bra, adɛn nti na wogyina kurotia? Na masiesie ɛdan mu, ne baabi nso mama yoma no.


Na ɔbarima no de nnipa no hyɛnee Yosef fie, na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ho, na ɔmaa wɔn mfunumu aduane.


Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Siane kɔ wo fie na kɔhohoro wo nan ase. Na Uria firii ɔhene fie kɔeɛ no, wɔde ɔhene ayɛyɛdeɛ firi dii n’akyi.


Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so, mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ,


Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fie ntiantia, na wo ho anyɛ no mfone na wantane wo.


Mayi m’atadeɛ, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?


Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ ɔbaa no see Simon sɛ: Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo mangu me nan so, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tirinwi apepa ho.


Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan