Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 19:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ wɔn nnebɔne ayɛ kɛse AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ wɔn nnebɔne ayɛ kɛse AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 efisɛ yɛrebɛsɛe saa kurow yi pasaa. Amumɔyɛsɛm a etia nnipa yi a adu Awurade anim no ano den nti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 na yɛrebɛsɛe ha, efisɛ wɔn nnebɔne adu AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 19:13
21 Iomraidhean Croise  

Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.


Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sodom ne Gomora so nteamu so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti,


Na mmarima no ka kyerɛɛ Lot sɛ: Wowɔ obi wɔ ha ka wo ho? Aseɛ anaa mmammarima anaa mmammaa anaa biribiara a wowɔ wɔ kuro yi mu, yi wɔn firi ha,


Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.


Na afei, mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ merebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu.


Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom.


Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.


Na nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ woɔ no soɔ.


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan