Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na abɔfo baanu no duu Sodom anwummere; na Lot te Sodom kurow pon ano. Na Lot huu wɔn no, ɔsɔre kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kae sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 19:1
15 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.


Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.


Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan.


Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.


Na mmarima no tenee wɔn nsa twee Lot baa wɔn nkyɛn wɔ ɛdan no mu, na wɔtoo ɛpono no mu.


Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so.


Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfoɔ no anim,


Na Yosef yii wɔn firii Yakob nantam, na ɔponoo ne mu de n’anim butuu fam.


Mefiri adi mekɔ kuro pono ano, na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a,


Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so, mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ,


Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom.


Sɛ nso ɛyɛɛ Lot nna mu ne no, wɔdidii, na wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, na wɔtotoo adan.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan