Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 18:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a ɔde anoa aduan no, de too nnipa baasa no pon. Bere a nnipa no gu so redidi no, na ogyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a osiesiee no no, na ɔde besii wɔn anim; na ɔno de, ogyinaa wɔn anim dua no ase, na wodidii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 18:8
17 Iomraidhean Croise  

Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.


Na wɔbisaa Abraham sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ɔse: Hwɛ, ɔwɔ ntomadan mu.


Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.


Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no.


na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie.


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn.


Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom?


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na ɔgye dii wɔ wɔn anim.


Ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako.


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;


Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho.


anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo, nnwammuruwa sradeɛ, ne Basan adwennini mpapo deɛ, ne ayuo sawa mu sradeɛ, na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.


Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.


Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Ma yɛnsianka wo na yɛnsiesie abirekyie ba bi mma wo ansa.


Nsuo na ɔresrɛ anom, ɔmaa no nufosuo, koraa fɛfɛ mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ baeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan