Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 18:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuw no mu, kɔkyeree nantwi ba a oye na wadɔ srade de no maa ne somfo ma ɔde ahoɔhare yɛɛ ne ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwi mu kɔkyeree nantwi ba a oye, na ne nam bɛyɛ mmerɛw na ɔde maa ne somfo bi, na ɔyɛɛ ntɛm yɛɛ aduan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 18:7
11 Iomraidhean Croise  

Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.


Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.


Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!


na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛkum no, na yɛnni, na yɛn ani nnye,


Na ɔsee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ ne nsa aka no nkwahosan mu.


Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.


Nso na ɔbaa no wɔ nantwie ba a wadɔre wɔ efie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kumm no, na ɔfaa esiam forɔe, na ɔde too apiti;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan