Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntamadan mu kae sɛ: Yɛ ntɛm, fa asikresam pa susukora abiɛsa, fɔtɔw to tetare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 18:6
15 Iomraidhean Croise  

Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.


Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.


Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii.


Ɛno nti Amnon kɔdaeɛ, na ɔboapa yaree. Na ɔhene ba bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ ɔfam mmienu m’anim na menni no ne nsam.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ, na ayamyɛ ara na ɔde gyina.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!


Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho.


Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.


Monnyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu.


Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.


Nso na ɔbaa no wɔ nantwie ba a wadɔre wɔ efie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kumm no, na ɔfaa esiam forɔe, na ɔde too apiti;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan