Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 18:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kogyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na mmarima no sɔre fii hɔ dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham ne wɔn kɔe kogyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 18:16
9 Iomraidhean Croise  

Na Sara sanee sɛ: Menseree, ɛfiri sɛ na ɔsuro. Na ɔse: Dabi, woasere.


Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase


Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.


Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.


Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.


da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.


Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanseɛ asafo no anim. Na wogya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɛ, Nyankopɔn anim a, na woayɛ no yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan