Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 18:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Enti Sara serewee ne mu kae sɛ: Sɛ manya mawie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akwakoraa yi, na menya anigye?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 18:12
12 Iomraidhean Croise  

Na Abraham de n’anim butuu fam seree, na ɔkaa no n’akomam sɛ: Yee! Wɔbɛwo ɔba ama deɛ wadi mfirinhyia ɔha, na Sara a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa?


Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Adɛn nti na Sara seree sɛ: Ampaneampa ara manyini yi mɛwo ɔba?


Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.


Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma. Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.


Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.


sɛdeɛ Sara tiee Abraham, frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na monsuro ahudeɛ biara a, moyɛ ne mma.


Na anim reyɛ abae no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fie a ne wura wɔ mu no pono ano daa hɔ kɔsii sɛ anim teteeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan