Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 17:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Otwa na twa nea wɔawo no wɔ wo fi ne nea wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m'apam atena mo honam mu sɛ daa apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 17:13
15 Iomraidhean Croise  

Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua ba dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fie ahasa ne dunwɔtwe tuu ɔsa tii wɔn kɔduruu Dan.


Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛdi m’adeɛ.


Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.


Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no.


Na Midianfoɔ no kɔtɔnee no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n’ankɔbeafoɔ so panin no.


Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafoɔ so panin na ɔyɛ Misraimni no tɔɔ no Ismaelfoɔ a wɔde no kɔɔ hɔ no nsam.


Na nyankontɔn no bɛba mununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne nnipa ne abɔdeɛ mu ateasefoɔ a ɛwɔ asase soɔ nyinaa no ntam.


Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.


na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi.


Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no.


Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa.


Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ.


Na sɛ ɔsɔfoɔ bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno deɛ, ɔnni bi, ɛne deɛ wɔwoo no ne fie, wɔn na wɔnni n’aduane no bie.


Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan