Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 16:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w'afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w'ani so. Na Sarai tan n'ani na oguan fii ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 16:6
15 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.


Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.


Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔrehwehwɛ Mose aku no, nanso Mose dwane firii n’anim kɔtenaa Midian asase so wɔ subura bi ho.


Deɛ n’abufuo yɛ nyaa no wɔ nteaseɛ pii, na honhom mu katerekaterefoɔ ma agyimisɛm so.


Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ, na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.


Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.


Ɛnyɛ nsɛm na wɔde tea akoa, ɛfiri sɛ ɔte aseɛ mpo a, ɔremmu.


Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a, nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase.


Na Ɔhene Sedekia kaa sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsa mu, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.


Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan