Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 16:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ. Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 16:4
11 Iomraidhean Croise  

Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.


Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.


Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyini, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛdeɛ asase sofoɔ nyinaa amanneɛ teɛ.


Na Sara hunuu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw.


Na ɔde n’abaawa Bilha maa no awareɛ, na Yakob ne no dae.


Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.


ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu, ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ.


Na anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ morennwene ntra deɛ wɔatwerɛ no, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan