Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ, na dodow nti wɔrentumi nkan wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 16:10
25 Iomraidhean Croise  

Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.


Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.


Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.


Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.


Sɔre ma abarimaa no so, na fa wo nsa sɔ ne mu; na mɛyɛ no ɔman kɛseɛ.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.


Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan