Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa ne abirekyi a wadi mfe abiɛsa ne odwennini a wadi mfe abiɛsa ne aturukuku ne aborɔnoma ba brɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 15:9
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔde yei nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu.


Na ɔbisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya?


Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Mommoaboa m’ahotefoɔ ano mma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no.


Nhwiren yi ne ho adi asase so, dwontoɔ berɛ adu, na wɔte anyankuku nka yɛn asase so.


M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.


Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.


Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako,


Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.


na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim.


ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo.


na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan