Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 15:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde no fii adi kae sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'asefo bɛyɛ nen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 15:5
22 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.


Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara.


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,


Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.


Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.


Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so.


Hwɛ ɔsoro, na hunu, na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no.


Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano, ɔtoto wɔn nyinaa din.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree.


Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.


Ɔno na faako a anidasoɔ nnie no, ɔgyinaa anidasoɔ so gye diiɛ, na wayɛ amanaman mufoɔ bebree agya, sɛdeɛ wɔaka no sɛ: Sɛdeɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.


AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;


Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.


Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan.


Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan