Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 15:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Abram se: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na wode bɛma me? Minni ba na menam, so nea obedi m'ade ne Damaskoni Eliesa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 15:2
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no.


Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛdi m’adeɛ.


Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu.


Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu,


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Obiara nyɛ kɛseɛ nsene me efie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, ɛnam sɛ ne yere ne woɔ ntira. Na adɛn na menyɛ amumuyɛ kɛseɛ yi, na menyɛ bɔne mentia Onyankopɔn?


Na wɔtwe pinii Yosef fie panin no ne no kasae wɔ efie no pono ano


Na Yosef hyɛɛ ne fie panin no sɛ: Fa aduane dodoɔ a wɔbɛtumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotokuo mu amaama. Fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotokuo ano,


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.


Akoa nimdefoɔ bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so, na ɔbɛnya agyapadeɛ mu kyɛfa wɔ anuanom mu.


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.


mɛma wɔn me fie ne m’afasuo mu nkaeɛ dum ne din a ɛyɛ sene mmabanin ne mmammaa; daa din a wɔrentwa ntwene na mede bɛma wɔn.


Damasko deɛ nie: Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi; wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru, ɛntumi nyɛ komm.


Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.


Na akoa a wɔde no agyina ayutwafoɔ no akyire no kaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi sane firii Moab asase so baeɛ no.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan