Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 15:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na awo ntoatoaso anan mu na wɔbɛsan aba ha, efisɛ Amorifo amumɔyɛ nnya nnui ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 15:16
18 Iomraidhean Croise  

Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)


Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,


na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe.


Na Israelfoɔ tena a wɔtenaa Misraim no yɛ mfirinhyia ahanan aduasa.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Ɛnnɛ da yi, bosome Abib mu na morefiri Misraim.


Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre.


Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim.


Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan