Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 15:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ohu na hu sɛ w'asefo bɛyɛ ahɔho asase a ɛnyɛ wɔn de so, na wɔasom wɔn, na wɔbɛhaw wɔn mfirihyia ahannan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 15:13
26 Iomraidhean Croise  

Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.


Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so.


Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham,


Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.


Na wɔde nyadie yaya dii Israelfoɔ.


Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.


Na ɔhɔhoɔ deɛ, mmɔ no atirimuɔden, nso nhyɛ no so, ɛfiri sɛ mo nso moakɔyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.


Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.


Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.


Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;


Na ɛbɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no berɛ reduru no, ɔman no dɔree, na wɔyɛɛ bebree wɔ Misraim


Na yei na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfeɛ ahanan aduasa akyiri ɛbaeɛ no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa.


Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan