Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 14:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔsan baa En-mispat, na wɔkaa Amalekfo asase nyinaa ne Amorifo nso a wɔte Hasesontamar no gui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 14:7
19 Iomraidhean Croise  

Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi, na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.


Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso.


(Na Timna yɛ Esau ba Elifas mpena, na ɔwoo Amalek maa Elifas.) Yeinom ne Esau yere Ada mma.


otitire Kora, otitire Gatam, ne otitire Amalek. Yeinom ne Elifas atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Ada mma.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En-gedi no).


Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.


na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.


Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.


Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.


Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu.


Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.


Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.


ne Nibsan ne Nkyene Kuro no ne En-gedi: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan