Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 14:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 ne Horifo wɔ wɔn bepɔw Seir so de kosii El-paran a ɛwɔ sare so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 14:6
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.


Na ɔtenaa Paran serɛ so; na ne na kɔwaree yerɛ firi Misraim asase so brɛɛ no.


Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.


Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.


Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.


Onyankopɔn firi Teman ba, na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela N’animuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyie yɛ asase so ma.


Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.


Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.


Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.


Na Seir nso akane no Horifoɔ na na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ a AWURADE de maa wɔn no.)


sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan