Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 14:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔfaa Abram ne nua ba Lot a ɔte Sodom ne n'ahode kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 14:12
13 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.


Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.


Na wɔfaa Sodom ne Gomora nnoɔma ne wɔn nnuane nyinaa de sii mu kɔe.


Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua ba dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fie ahasa ne dunwɔtwe tuu ɔsa tii wɔn kɔduruu Dan.


Na ɔde nnoɔma no nyinaa ne ne nua ba Lot ne ne nnoɔma ne mmaa no nso ne nkurɔfoɔ no sane bae.


Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a, ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ.


Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.


Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan