Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 13:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 13:16
38 Iomraidhean Croise  

Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.


Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.


Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara.


Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.


Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.


Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.


Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Wo na wokaa sɛ: Yie na mɛyɛ woɔ, na mɛma w’asefoɔ ayɛ sɛ mpoano anwea a ne dodoɔ nti wɔntumi nkan.


Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.


Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.


Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.


Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.


Na Yoab de ɔman no nkaneeɛ dodoɔ brɛɛ Dawid, na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne mpemha, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Yuda ano si mpemahanan aduɔson, nnipa a wɔtwe nkrantɛ.


Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.


Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfuturo soɔ.


Na wobɛhunu nso sɛ w’asefoɔ bɛdɔɔso pii, na wɔn a wɔfiri wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhahan,


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.


Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ? Ma menwu ateneneefoɔ wuo, na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.


AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;


Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan.


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,


Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan