Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 13:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 13:15
31 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Sɔre, fa asase no tentene ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede bɛma woɔ.


Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ.


Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.


AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.


Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.


Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi.


Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn.


ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no sɛ daa agyapadeɛ.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ, sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ.


Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?


Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Ateneneefoɔ bɛtena asase so, na wɔatena so daapem.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim firi ha kɔ, wo ne ɔman a wokɔyii wɔn firi Misraim baeɛ no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no so.


Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.


Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ).


Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.


Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.


Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan