Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 13:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Lot hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, hunuu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebereɛ. Na nsuo wɔ mu baabiara te sɛ Eden turom anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa ɛberɛ no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Lot maa n'ani so hwɛɛ Yordan nyinaa de kosi Soar huu sɛ ne nyinaa so wɔ nsu te sɛ AWURADE turo no te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 13:10
26 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.


Na Lot yii Yordan kanko no nyinaa, na ɔtu faa apueeɛ fam; na anuanom no dii mpaapaemu.


Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho firi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.


wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako.


Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela (a ɛne Soar) ahemfo firi bae.


Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.


Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.


Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.


Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara.


Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti.


M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.


Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.


Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ.


Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa.


Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;


Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.


ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no, na kyɛnkyɛn nte sɛ ne mman akɛseɛ; dua biara nni Nyankopɔn turo mu a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;


mede ne mman dodoɔ maa ɛyɛɛ fɛ maa nnua a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no.


Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no.


Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.


ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan