Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 12:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 12:8
33 Iomraidhean Croise  

Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.


Na ɔdii atutena firi Negeb kɔduruu Betel, deɛ akane na ne ntomadan sie no, wɔ Betel ne Ai ntam,


deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.


Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.


Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.


Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel, nanso akane no na kuro no din de Lus.


Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntomadan wɔ bepɔ no so, na Laban ne ne nkurɔfoɔ nso sii wɔn deɛ Gilead bepɔ so.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.


Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyi wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.


Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.


Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.


Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.


Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,


Na AWURADE din na mebɔɔ sɛ: O AWURADE, mesrɛ wo, gye me kra.


Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),


Waba Ayat afa Migron de ne nnesoa agya Mikmas;


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Gyidie na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ bɔhyɛ asase no so, sɛ ananafoɔ deɛ soɔ, na ɔne bɔhyɛ korɔ no ara adedifoɔ Isak ne Yakob tenaa ntomadan mu.


ne Bet-araba ne Semaraim ne Betel,


Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.


Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.


Na ɔde nnipa bɛyɛ mpemnum kɔtetɛɛ Betel ne Ai ntam, kuro no atɔeɛ fam.


Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfiri adi ankɔdi Israel akyire; na wɔgyaa kuro no hɔ maa ano daa hɔ kɔdii Israel akyi.


Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no.


Ɛnna Yosua kɔsii afɔrebukyia maa AWURADE Israel Nyankopɔn Ebal bepɔ soɔ,


Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.


Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.


Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb ne wɔn a wɔwɔ Yatir,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan