Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Abram kɔe sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔsɔn anum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 12:4
10 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.


Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nnwan ne anantwie ne ntomadan.


Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.


Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.


Na Abraham nna a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduɔson nnum.


Na Yakob firi Beer-seba sii mu kɔɔ Haran.


Ɛnna ɔfirii Kaldeafoɔ asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wuo akyiri no, ɔmaa no firii hɔ bɛtenaa asase yi a mote soɔ nnɛ yi so.


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan