Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 12:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 12:16
13 Iomraidhean Croise  

Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.


Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, ɛfiri sɛ wɔn ahodeɛ dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.


Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.


Ɛnna Abimelek faa nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa de maa Abraham, na ɔdanee ne yere Sara maa no.


Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu.


Na ɔnyaa nnwankuo ne anantwikuo ne nkoa pii. Na Filistifoɔ no ani beree no.


Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.


Manya anantwie, mfunumu, nnwan, mmirekyie ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, sɛdeɛ mɛnya w’anim adom.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.


Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan