Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 11:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman biako, na wɔn nyinaa kasa ɔkasa koro na nea wɔafi ase reyɛ ni; na afei, biribiara rentumi nsiw wɔn nea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 11:6
12 Iomraidhean Croise  

Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ.


Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako, ahunu papa ne bɔne. Na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ante nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Yeinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa firi petee asase nyinaa soɔ.


Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan