Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE sane bɛhwɛɛ kurow ne abantenten a nnipa mma reto no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 11:5
10 Iomraidhean Croise  

meresiane makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛdeɛ nteamu a ɛduru me nkyɛn no teɛ no a; na sɛ ɛnte saa, mahunu.


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.


Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.


Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan