Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 10:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 10:5
26 Iomraidhean Croise  

Yeinom ne Ham mma, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman teɛ.


Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg, ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.


Yeinom ne Noa mma mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyi amanaman petee asase soɔ.


Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.


Na Ham mma ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.


Yeinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa firi petee asase nyinaa soɔ.


Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ, po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.


Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi. Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.


Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.


Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.


Me tenenee reba ntɛm, me nkwagyeɛ afiri adi, na m’abasa bɛbu aman atɛn; me so na nsuano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.


Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.


Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.


Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?


ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Tiro nie: Ɛnyɛ w’ahweaseɛ huuyɛ, w’atɔfoɔ apenepene, kum a wɔkunkumm wɔ wo mu nti na nsupɔ bɛwosowosoɔ?


Afei nsupɔ ho bɛpopo w’ahweaseɛ da no; na nsupɔ a ɛwɔ po mu no akoma atu w’awieeɛ ho.


Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so.


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan