Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 10:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Sem asefoɔ nie: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 10:22
19 Iomraidhean Croise  

Sem a ɔyɛ Yafet nua panin no mu na Eber mma nyinaa firie.


Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu.


Na ɔkaa nso sɛ: Nhyira ne Sem Nyankopɔn, AWURADE, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.


Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.


Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakukum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa.


Na Elam asɔ agyan kotokuo mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba, na Kir nso ayi kyɛm adi;


Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu.


ne Simri ahemfo nyinaa ne Elam ahemfo nyinaa ne Media ahemfo nyinaa,


Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora.


Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.


Na ɔkasaa sɛ: Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ, Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ: Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.


nanso wɔbɛsɛe Kain, de akɔsi sɛ Asur bɛfa wo nnommum.


Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,


Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan