Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 10:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Yafet mma nie: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yafet mma nie: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yafet asefoɔ nie: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Yafet mma ni: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 10:2
16 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma.


Sem a ɔyɛ Yafet nua panin no mu na Eber mma nyinaa firie.


Onyankopɔn mma Yafet ase ntrɛ, na ɔntena Sem ntomadan mu, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.


Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.


Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu!


Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu.


Wedan ne Yewan firi Usal bɛne wo di nsesadwa; dadeɛ a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa adeɛ.


nwera a wɔakyere mu a ɛfiri Misraim yɛ wo mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa; bibitoma ne ntoma a ɛberedum a ɛfiri Elisa mpoano mu yɛ wo nkatasoɔ;


Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;


na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso,


Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no,


Gomer ne n’asafotoɔ nyinaa, Togarma fie a ɛwɔ atifi fam tɔnn ne n’asafotoɔ nyinaa; aman bebree ka wo ho.


Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!


na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan