Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n'aba wɔ mu wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:29
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi.


Na wo deɛ, boaboa aduane nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduane.


Deɛ ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduane; mede ne nyinaa mama mo, sɛdeɛ mede nhahan mono memaa mo no.


Na ɛno na ɔde di aman asɛm, ɔde aduane bebree nso ma.


Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee, ɔkae n’apam daapem.


Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.


Ɔma honam nyinaa aduane, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim, ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE tu nneduafoɔ.


Ɔde aduane ma mmoadoma ne anene mma a wɔsu.


Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.


ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea, wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.


Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ,


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.


Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no.


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan