Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:24
15 Iomraidhean Croise  

Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no.


Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.


Nnomaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, wɔn nyinaa mu mmienu mmienu mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.


Na mmoadoma nyinaa, ntɔteboa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,


mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.


Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ, na aforoteɛ awoko nso, wowɛn?


Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?


Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho, na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane?


Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?


Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, ewira na ɔdi no sɛ nantwie.


Mmepɔ atentene yɛ dwanekɔbea ma akyekyeregya, na abotan yɛ ma mmoakua.


Onipa firi kɔ n’adwuma ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ.


wiram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan