Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:21
23 Iomraidhean Croise  

na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.


Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.


Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.


Nnomaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, wɔn nyinaa mu mmienu mmienu mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.


Na mmoadoma nyinaa, ntɔteboa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,


mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.


mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.


Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.


Na mo deɛ, monwo na monnɔ, na monnɔɔso wɔ asase so.


Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo.


Nsamanfoɔ ho popo nsuo ne wɔn a wɔte mu no ase.


Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi?


Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so, nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa;


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu.


Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.


Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan