Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:2
17 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, yeinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛteɛ, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hwan na ɔbɛhunu mu?


Ɔno na ɔtrɛ ɔsoro a ɛbirie no mu ahunumu, na ɔde asase sɛne deɛ biribi nnie.


na mede mununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’aboomu,


Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.


Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforɔ.


Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ, nsuo gyinaa mmepɔ so,


Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so, nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa;


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Abunu nni hɔ no, na wɔawo me, nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no;


Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ.


Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.


Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.


Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo, na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim, w’asene mu nyinaa yɛ wo ya, ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no, ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan