Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mmerɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma ɛberɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 1:14
43 Iomraidhean Croise  

Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.


Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.


Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa, oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro, asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.


Me nyankontɔn na mede masi mununkum mu, na ayɛ me ne asase ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.


N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ?


Hwɛ, ɔsrane mpo; ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim na nsoromma nso ho nte wɔ n’ani so.


N’ahemadakye nsoromma bɛduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhunu adekyeeɛ anisuatɛtɛ.


Ɛgyina hɔ nnɛ sɛdeɛ w’atemmuo teɛ, na nnoɔma nyinaa yɛ w’asomfoɔ.


Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.


na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra.


Monyi AWURADE ayɛ! Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea, monyi no ayɛ ne tumi wie no mu.


Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn.


Sei na AWURADE a ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma ma no haran anadwo na ɔnu ɛpo mu ma n’asorɔkyeɛ huru a ne din de asafo AWURADE no seɛ:


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mobɛtumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne berɛ mu a,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ manhyɛ me ne awia ne anadwo apam ne ɔsoro ne asase ahyɛdeɛ no pintinn a,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini.


Na bosome foforɔ da no: Nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwanten nsia ne odwennini baako a wɔnni dɛm,


Asase woso wɔn anim, ɔsoro hinhim, owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma agyae haran.


Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mɛma owia atɔ awiaberɛ, na mɛma sum aduru asase so awia ketee.


bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,


Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ.


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan