Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔkan Israel nyinaa kyerɛw wɔn din sɛ wɔn mmusua te, na hwɛ, wɔakyerɛw wɔn din wɔ Israel ne Yuda ahene nhoma mu. Wotuu wɔn koduaa Babel, wɔn amumɔyɛ nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 9:1
22 Iomraidhean Croise  

Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ, sɛdeɛ ɔdii ako ne sɛdeɛ ɔdii ne hene faeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.


Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.


Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,


ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.


Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.


Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu.


Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adan ne Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase, sɛ wɔfiri Israel mu anaa.


Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.


Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:


yeinom hwehwɛɛ wɔn mmusua atwerɛ, na wɔanhunu. Na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.


ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin,


Wɔatoto Negeb nkuro no mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛhini; wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu, wɔatu wɔn kɔ korakora.


Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.


Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan