Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 5:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israel abakan Ruben mma, na ɔno ne abakan de, nanso (Sɛ ɔne n’agya mpena bi dae nti, wɔde n’abakanyɛ no maa Israel ba Yosef mma no, enti wɔankyerɛw wɔn abakanyɛ no, anato nhoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 5:1
23 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman mmienu na ɛwɔ wo yam, na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu. Na ɔman no baako bɛdi baako so, na ɔpanin no bɛsom akumaa no.


Na Yakob kaa sɛ: Tɔn wo panin ma me nnɛ.


Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben, na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.


Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.


Na yeinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben.


Na afei wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Misraim asase soɔ ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea te sɛ Ruben ne Simeon.


Yeinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,


Na Hosa a ɔfiri Merari mma mu no wɔ mma: Simri ne panin, (ɔnyɛ abakan deɛ, nanso n’agya na ɔde no sii tire).


Yeinom ne wɔn nananom afie mu atitire: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi; yeinom ne Ruben mmusua.


Nyi w’agya yere adagya so; w’agya adagya ne no.


Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur.


Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi,


Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfoɔ abusua; Palu deɛ, Palufoɔ abusua;


Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.


Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea.


Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan