Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Oo, sɛ anka wubehyira me na woatrɛw me hye mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na ɛyaw bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa nea ɔsrɛe no bae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 4:10
56 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.


Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,


na wasane me asomdwoeɛ mu de me aba m’agya fie a, ɛnneɛ AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn.


Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me.


Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Yakob.


Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.


Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


O monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.


Na Kelub, Suha nua, woo Mehir a ɔne Eston agya.


Na Yabes nyaa animuonyam sene ne nuanom; na ne na too no din Yabes, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mede yea na ɛwoo no.


Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ, wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.


Ma wo nsa mmɛboa me, na wo nsiesieeɛ na mayie.


AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.


Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn, na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.


Ɔbisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.


Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu.


Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubuo no adi ahurisie.


Me deɛ, mɛsu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abɛgye me.


O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.


Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri, mma me ohia anaa ahonyadeɛ, ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni,


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.


Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.


Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,


Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.


na afe reduro no, na Hana anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no.


Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.


Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan